Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 9
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 9 Bible text
Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
Nnipa a wɔnam sum muahu Hann kɛse;wɔn a wɔte asase a so sum kabii no,hann bi apue wɔn so.
Woatrɛw ɔman no muwoama wɔn ani agye mmorosowodi ahurusi wɔ wʼanimsɛnea nnipa di ahurusi otwabere,sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔnwɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
Te sɛ da a Midian dii nkogu no,woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no,abaa a ɛda wɔn mmati,wɔn nhyɛsofo pema.
Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sane atade biara a mogya akeka mu,wobegyaw agu hɔ na wɔahyew;ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
Na wɔawo akokoaa ama yɛn,wɔama yɛn ɔbabarima,na amammui no bɛda ne mmati so.Na wɔbɛfrɛ noƆfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,Daa Agya, Asomdwoe Wura.
Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoebɛtena hɔ daa.Ɔbɛtena Dawid ahengua soabu Nʼahenni,Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛbefi ase na wama atimafi saa bere no akosi daa apem.Asafo Awurade mmɔdemmɔbɛyɛ eyi.
Nnipa no nyinaa behu,Efraim ne wɔn a wɔtete Samariaa wɔde ahohoahoane ahomaso koma kasa no,
“Ntayaa no abubu agu famnanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio.Wɔabubu borɔdɔma nnua nonanso yɛde sida besi anan mu.”
Aramfo a wofi apuei fam,Filistifo a wofi atɔe fam,abue wɔn anom amene Israel.Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.
Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.
Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa,na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.
Enti Awurade ani rennye mmerante no ho,na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔefisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo,ano biara ka ahuhusɛm.Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.
Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya;ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe,ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no,na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.
Ɛnam Asafo Awurade abufuw so,asase no bɛkyenna nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
Nifa so, wɔbɛfom aduan adi,nanso ɔkɔm bɛde wɔn;benkum so wobedidi,nanso wɔremmee.Obiara bɛwe ne ba nam.
Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manasena wɔbɛbɔ mu atia Yuda.Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.