Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.

AKCB: 2AKCB

Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.”

AKCB: 3AKCB

Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

AKCB: 4AKCB

Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”

AKCB: 5AKCB

Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,

AKCB: 6AKCB

“Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apoSiloa nsu a ɛsen brɛoona wodi ahurusi wɔ Resinne Remalia babarima no ho nti,

AKCB: 7AKCB

Awurade reyɛ de Asubɔnten noyiri kɛse no atia wɔn,Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu,na abu afa ne konkɔn so

AKCB: 8AKCB

na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho,ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu.Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa soImmanuel.”

AKCB: 9AKCB

Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo!Muntie mo akyirikyiri aman.Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!

AKCB: 10AKCB

Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no;da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina,efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

AKCB: 11AKCB

Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,

AKCB: 12AKCB

“Mommfrɛ no tirisopambiribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no;Munnsuro nea wosuro,na momma ɛmmɔ mo hu.

AKCB: 13AKCB

Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron,ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no,ɔno na ne ho yɛ hu,

AKCB: 14AKCB

ɔbɛyɛ kronkronbea:nanso Israel ne Yuda de,ɔbɛyɛ hintibone ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de,ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.

AKCB: 15AKCB

Wɔn mu bebree bɛwatiri;wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio,wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”

AKCB: 16AKCB

Kyekyere kɔkɔbɔ adanse nosɔw mmara no ano ma mʼasuafo.

AKCB: 17AKCB

Mɛtwɛn Awuradea wayi nʼani afi Yakobfi somede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

AKCB: 18AKCB

Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.

AKCB: 19AKCB

Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo?

AKCB: 20AKCB

Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.

AKCB: 21AKCB

Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn.

AKCB: 22AKCB

Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.