Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu,wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,

AKCB: 2AKCB

de siw ahiafo ahofadi ho kwan,de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden.Wɔma akunafo yɛ amanehunufona wɔbɔ ayisaa korɔn.

AKCB: 3AKCB

Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no,bere a amanehunu fi akyirikyiri reba?Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa?Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?

AKCB: 4AKCB

Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo muanaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu.Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.

AKCB: 5AKCB

“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa,nea okura mʼabufuwhyew pema no!

AKCB: 6AKCB

Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn somigya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw sosɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde,na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so.

AKCB: 7AKCB

Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu;ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe,sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.

AKCB: 8AKCB

Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?

AKCB: 9AKCB

Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana?Hamat nte sɛ Arpadna Samaria nte sɛ Damasko ana?

AKCB: 10AKCB

Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so,ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

AKCB: 11AKCB

Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni,sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’ ”

AKCB: 12AKCB

Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho.

AKCB: 13AKCB

Efisɛ ɔka se,“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi,na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ.Mesɛee aman aman ahye,mefow wɔn ademude;mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran.

AKCB: 14AKCB

Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no,saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so;sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no,saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano;obiara ammɔ ne ntaban mu,na wammue nʼano ansu.’ ”

AKCB: 15AKCB

Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow,anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana?Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so,anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua!

AKCB: 16AKCB

Afei Awurade, Asafo Awurade,de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no;ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛwte sɛ gyaframa.

AKCB: 17AKCB

Israel Hann no bɛdan ogya.Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw;ɔde da koro bɛhyew na wasɛene nsɔe ne nnɛnkyɛnse.

AKCB: 18AKCB

Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no,ɛbɛsɛe pasapasate sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn.

AKCB: 19AKCB

Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bia abofra betumi akyerɛ ne dodow.

AKCB: 20AKCB

Da no, Israel nkae,Yakob fifo a wɔbɛka no,remfa wɔn ho nto no so bionea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no;na mmom wɔde wɔn ho bɛto Awurade so nokware mu,Israel Kronkronni no.

AKCB: 21AKCB

Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bibɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn.

AKCB: 22AKCB

Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de,nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan.Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennena ebebunkam so na ɛteɛ.

AKCB: 23AKCB

Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛea wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

AKCB: 24AKCB

Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,“Me nkurɔfo a mote Sion,munnsuro Asiriafo no,wɔn a wɔde mmaa hwe mona wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no.

AKCB: 25AKCB

Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwona mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.”

AKCB: 26AKCB

Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so,sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

AKCB: 27AKCB

Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati sowɔn konnua afi wo kɔn mu;wobubu konnua noefisɛ woayɛ ɔbran yiye.

AKCB: 28AKCB

Wɔhyɛn Ayat;wɔfa Migron;na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.

AKCB: 29AKCB

Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se,“Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.”Rama ho popo;Saulo kurow Gibea nso guan.

AKCB: 30AKCB

Teɛ mu, Galim Babea!Tie, Laisa!Anatot Mmɔborɔni!

AKCB: 31AKCB

Madmena reguan;Gebimfo kɔtetɛw.

AKCB: 32AKCB

Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob;wobehim wɔn nsawɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so,wɔ Yerusalem koko no so.

AKCB: 33AKCB

Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no.Wobebubu nnua atenten no agu famnea ɛwowaree no bɛba fam.

AKCB: 34AKCB

Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu famLebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim.