Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.

AKCB: 2AKCB

Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.

AKCB: 3AKCB

Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.

AKCB: 4AKCB

Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti.

AKCB: 5AKCB

Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se,

AKCB: 6AKCB

“Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.”

AKCB: 7AKCB

Nanso nea Asafo Awurade se ni:“ ‘Ɛremma so,na ɛrensi da,

AKCB: 8AKCB

Aram ti ne Damasko,na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti.Mfirihyia aduosia anum mu noEfraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.

AKCB: 9AKCB

Efraim ti ne SamariaRemalia babarima pɛ ne Samaria ti.Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a,worennyina koraa.’ ”

AKCB: 10AKCB

Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio se,

AKCB: 11AKCB

“Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.”

AKCB: 12AKCB

Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ Awurade nhwɛ.”

AKCB: 13AKCB

Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana?

AKCB: 14AKCB

Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel.

AKCB: 15AKCB

Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no.

AKCB: 16AKCB

Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan.

AKCB: 17AKCB

Awurade de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”

AKCB: 18AKCB

Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so.

AKCB: 19AKCB

Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu.

AKCB: 20AKCB

Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso.

AKCB: 21AKCB

Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien.

AKCB: 22AKCB

Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo.

AKCB: 23AKCB

Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe.

AKCB: 24AKCB

Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ.

AKCB: 25AKCB

Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ.