Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma.

AKCB: 2AKCB

Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.

AKCB: 3AKCB

Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se,“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”

AKCB: 4AKCB

Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.

AKCB: 5AKCB

Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”

AKCB: 6AKCB

Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn.

AKCB: 7AKCB

Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”

AKCB: 8AKCB

Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”Na mekae se, “Mini. Soma me!”

AKCB: 9AKCB

Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se,“ ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase;Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’

AKCB: 10AKCB

Efisɛ mo, moapirim mo koma;moasisiw mo aso,akatakata mo ani.Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,na mo koma ate asɛm ase,na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”

AKCB: 11AKCB

Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?”Na obuae se,“Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfoa nnipa ntete so,enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituwna mfuw no asɛe ayɛ pasaa,

AKCB: 12AKCB

enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyirina asase no ada mpan.

AKCB: 13AKCB

Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so awɔbɛsɛe no bio.Nso sɛnea dupɔn anaa odumgyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no,saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”