Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 60
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 60 Bible text
Hwɛ, sum akata asase sona sum kabii akata aman no so,nanso Awurade apue wo sona nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.
“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;wo mmabarima fifi akyirikyiri,na wokura wo mmabea wɔ abasa so.
Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew,wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma;ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo,na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.
Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma,yomaforo a wufi Midian ne Efa.Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba,wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuamna wɔpae mu ka Awurade ayeyi.
Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo,Nebaiot adwennini bɛsom wo;wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so,na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.
Ampa ara asupɔw no ani da me so;Tarsis ahyɛn na wodi anim,wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba,wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ,de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam,Israel Kronkronni No,efisɛ wahyɛ wo anuonyam.
“Ananafo bɛto wʼafasu no bio,na wɔn ahemfo bɛsom wo.Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de,nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.
Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara,wɔrentoto mu awia anaa anadwo,sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo,wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.
“Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu,abesiesie me kronkronbea hɔ;na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.
Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo;wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan asena wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn,Israel Kronkronni, Sion.
“Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo,a obiara ntu kwan mfa wo mu,nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daane awo ntoatoaso nyinaa anigyede.
Wobɛnom amanaman nufusu nona woanum adehye nufu.Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,wo gyefo, Yakob Tumfo no.
Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo,na dwetɛ asi dade anan mu.Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo,na dade asi abo anan mu.Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amradona trenee ayɛ wo sodifo.
Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio,anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye sommom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagyene wʼapon se Ayeyi.
Owia renyɛ wo hann adekyee mu biona ɔsram hann renhyerɛn wo so,efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann,na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.
Wo wia rentɔ bio,wo sram rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann,na wʼawerɛhownna to betwa.
Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefona wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ.Wɔyɛ ade a madua na afefɛwme nsa ano adwuma aɛbɛda mʼanuonyam adi.
Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem,na aketewa no ayɛ ɔman kɛse.Mene Awurade;na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”