Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 61

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 61 Bible text

AKCB: 1AKCB

Otumfo Awurade Honhom wɔ me so,efisɛ, wɔafrɛ mesɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommumna wonyi nneduafo mfi sum mu,

AKCB: 2AKCB

se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

AKCB: 3AKCB

na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia,na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛnsi nsõ anan mu,anigye ngonsi awerɛhowdi anan mu,ayeyi atadensi abasamtu honhom anan mu.Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adumnea Awurade aduade ada nʼanuonyam adi.

AKCB: 4AKCB

Wobesi tete mmubui no bio,na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no;wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforonea asɛe awo ntoatoaso bebree no.

AKCB: 5AKCB

Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw;ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu.

AKCB: 6AKCB

Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo,wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo.Amanaman no ahonya no na mubedina wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho.

AKCB: 7AKCB

Wɔn animguase anan mume nkurɔfo benya anuonyam mmɔho,na ahohora anan muwɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu;ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea.

AKCB: 8AKCB

“Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee.Mikyi korɔn ne nnebɔne.Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba sona me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.

AKCB: 9AKCB

Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mune wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu.Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛwɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”

AKCB: 10AKCB

Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso,me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi.Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura mena ɔde trenee atade yuu awura me,sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo,ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.

AKCB: 11AKCB

Na sɛnea asase ma afifide puena turo nso ma aba nyin no,saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyiapue wɔ amanaman anim.