Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 59

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 59 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa,na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.

AKCB: 2AKCB

Nanso mo amumɔyɛ na atetewmo ne mo Nyankopɔn ntam;mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo,a enti ɔrente.

AKCB: 3AKCB

Na mogya akeka mo nsa ho,afɔdi asra mo nsateaa ho.Mo ano akeka atosɛm,mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.

AKCB: 4AKCB

Obiara nhwehwɛ atɛntrenee;obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow.Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo;wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

AKCB: 5AKCB

Wosow nhurutoa nkesuana wɔnwen ananse ntontan.Nea odi wɔn nkesua biara bewu,mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.

AKCB: 6AKCB

Wɔn ntontan nye mma adurade;wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho.Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne,na wodi akakabensɛm.

AKCB: 7AKCB

Wotu mmirika kɔyɛ bɔne;wɔnkyɛ opira ne awudi ho.Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.

AKCB: 8AKCB

Asomdwoe kwan no, wonnim;atɛntrenee nni wɔn akwan so.Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkyeobiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.

AKCB: 9AKCB

Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware,na adetrenee mmɛn yɛn.Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum;nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.

AKCB: 10AKCB

Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu hohwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani.Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo;yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.

AKCB: 11AKCB

Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi;yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma.Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi;ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.

AKCB: 12AKCB

Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so,na yɛn bɔne di adanse tia yɛn.Yɛn mfomso da yɛn anim daa,na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:

AKCB: 13AKCB

atuatew ne nkontompo a etia Awurade,yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn,nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so,atosɛm a efi koma mu a yɛka.

AKCB: 14AKCB

Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi,na adetrenee akogyina baabi;nokware ahwe ase wɔ mmɔnten sonokwaredi ntumi mma mu.

AKCB: 15AKCB

Nokware nni baabiara,obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo. Awurade hwɛe na ansɔ nʼanisɛ atɛntrenee nni hɔ.

AKCB: 16AKCB

Ohuu sɛ obiara nni hɔ,ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no,na ne trenee wowaw no.

AKCB: 17AKCB

Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo,ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so.Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadena ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.

AKCB: 18AKCB

Obegyina nea wɔayɛ soatua so kanʼatamfo benya nʼabufuwhyewwɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua;nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.

AKCB: 19AKCB

Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade dinna efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam.Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnnna Awurade ahomegu repia no.

AKCB: 20AKCB

“Ogyefo no bɛba Sion,na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,”sɛɛ na Awurade se.

AKCB: 21AKCB

“Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.