Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mɛto dwom ama me dɔfodwom a ɛfa ne bobeturo ho:Na me dɔfo wɔ bobe turo biwɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.

AKCB: 2AKCB

Ofuntum asase no, yiyii mu abo,na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfinina otuu nsakyiamoa nso.Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa,nanso ɛsow aba bɔne.

AKCB: 3AKCB

“Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.

AKCB: 4AKCB

Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturoboro nea mayɛ yi so?Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye noadɛn nti na ɛsow aba bɔne?

AKCB: 5AKCB

Afei mɛkanea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo:Meyi ho ban no afi hɔ,na wɔbɛsɛe no;mebubu ho ɔfasu,na wobetiatia so.

AKCB: 6AKCB

Mɛma ayɛ asase a ɛda mpana worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so.Mɛhyɛ omununkumna wantɔ osu angu so.”

AKCB: 7AKCB

Asafo Awurade bobeturo noyɛ Israelfi,na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu;ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.

AKCB: 8AKCB

Nnome nka mo a mode ofi ka ofi hona mugyigye mfuw bobɔ sokosi sɛ asase no bɛsana ɛka mo nko ara wɔ asase no so.

AKCB: 9AKCB

Asafo Awurade apae mu aka ama mate:“Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan,na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.

AKCB: 10AKCB

Bobeturo kɛse pa ara nonsa kakraa bi na ebefi mu.Aba lita aduonu baako a wodua nowobenya so lita aduonu abien pɛ.”

AKCB: 11AKCB

Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahemakɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwanwɔn a wosii pɛ anadwokosi sɛ nsa bɛbow wɔn.

AKCB: 12AKCB

Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase,akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa,nanso wotwiri nea Awurade ayɛ,na wommu ne nsa ano adwuma.

AKCB: 13AKCB

Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu,efisɛ wonni ntease;ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriwna osukɔm betware wɔn mu bebree.

AKCB: 14AKCB

Enti Owu bae nʼabogye muna obue nʼanom bayaa;na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔwɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no.

AKCB: 15AKCB

Enti wɔbɛbrɛ onipa asena wama adesamma abotow.Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

AKCB: 16AKCB

nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so,na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

AKCB: 17AKCB

Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea;nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.

AKCB: 18AKCB

Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.

AKCB: 19AKCB

Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,ɔnyɛ nʼadwuma ntɛmsɛnea yebehu.Ma ɛmmɛn,Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra,sɛnea yebehu.”

AKCB: 20AKCB

Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papana papa nso sɛ bɔne,mo a mode sum si hann anan muna hann si sum anan mu,mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛne dɛɛdɛ se nweenwen.

AKCB: 21AKCB

Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani sone anitewfo mo ankasa ani so.

AKCB: 22AKCB

Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mune ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.

AKCB: 23AKCB

Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔna mubu nea odi bem no fɔ.

AKCB: 24AKCB

Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguaneena sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no,saa ara na mo ntin bɛporɔw,na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma;efisɛ moapo Asafo Awurade mmarana moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

AKCB: 25AKCB

Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so,wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.Mmepɔw no wosow,na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura.Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.

AKCB: 26AKCB

Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman,ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.Wɔn na wɔreba no,afrɛ so ne ntɛm so!

AKCB: 27AKCB

Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw,obiara ntɔ nko na ɔnna;abɔso biara mu nnwow wɔ asen muna mpaboa hama biara nso rentew.

AKCB: 28AKCB

Wɔn agyan ano yɛ nnam,na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo,wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.

AKCB: 29AKCB

Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de,na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma;wɔbobɔ mu kyere wɔn hanamna wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.

AKCB: 30AKCB

Da no wɔbɛbobɔ mu agu no sosɛnea po woro so no.Na sɛ obi hwɛ asase no a,obehu sum kabii ne ahohiahia;omununkum bɛma hann aduru sum.