Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 56
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 56 Bible text
Sɛɛ na Awurade se:“Monkɔ so mmu atɛntreneena monyɛ nea eye,efisɛ me nkwagye abɛnna ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi.
Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi,onipa a okura mu dennen,nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.”
Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se,“Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu.”Na piamni biara nso nwiinwii sɛ,“Meyɛ duwui.”
Sɛɛ na Awurade se,“Piamfo a wɔkae me homenna,wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼanina wokura mʼapam mu dennen,
mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu nonkae ade ne din a,ɛkyɛn mmabarima ne mmabea;mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔdin a ɛrentwa mu.
Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade hosɛ wɔbɛsom no,sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,na wɔasɔre no,wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaana wokura mʼapam mu dennen,
eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no sona mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi.Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow nomegye wɔ mʼafɔremuka so;na wɔbɛfrɛ me fiaman nyinaa mpaebɔfi.”
Otumfo Awurade,nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se:“Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn hoaka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”
Israel awɛmfo yɛ anifuraefo,wɔn mu biara nni nimdeɛ;wɔn nyinaa yɛ akraman mum,wontumi mmobɔ mu;wɔdeda hɔ na wɔsoso dae,nna yɛ wɔn dɛ.
Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye;wonnidi mmee da.Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease;wɔn nyinaa fa wɔn kwan,obiara pɛ nʼankasa mfaso.
“Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa!Momma yɛnnom bobesa mmow!Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”