Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 55
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 55 Bible text
“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,mommra nsu no ho;na mo a munni sika,mommra mmɛtɔ na munni!Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusua munntua hwee.
Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan hone mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho?Muntie, muntie me na munni nea eye,na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;muntie me, na mo kra anya nkwa.Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn,na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Nyankopɔn nti,Israel Ɔkronkronni no,efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”
Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan hona ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho.Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwanna mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.
Sɛnea osu ne sukyerɛmmatɔ fi soro gu fam,na wɔnnsan nkɔ hɔ biowɔ bere a ɛmfɔw asasemma enguu nhwiren mpaee,sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,
saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te:Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛna awie botae a ɛno nti mesomaa no.
Mode ahosɛpɛw bepuena wɔagya mo kwan asomdwoe mu;mmepɔw ne nkokobetue nnwonto wɔ mo anim,na mfuw so nnua nyinaabɛbɔ wɔn nsam.
Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi,na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi.Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam,ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne,a ɛrentwa mu da.