Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 57

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 57 Bible text

AKCB: 1AKCB

Atreneefo wu,na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu;wɔfa nyamesurofo kɔ,na obiara nte asesɛ wɔfa atreneefo kɔsɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu.

AKCB: 2AKCB

Wɔn a wɔnantew tee nowɔhyɛn asomdwoe mu;wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.

AKCB: 3AKCB

“Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma,mo nguaman ne mmea nguamanfo mma!

AKCB: 4AKCB

Hena na moreserew no?Hena na moredi ne ho fɛwna morebɔ no adapaa yi?Monnyɛ atuatewfo fekuwne atorofo asefo ana?

AKCB: 5AKCB

Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mune dua biara a adennan ase;mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mune abotan mpaapae ase.

AKCB: 6AKCB

Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no,wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn sona mode aduan afɔrebɔde ama wɔn.Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?

AKCB: 7AKCB

Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so;ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.

AKCB: 8AKCB

Mo apon ne apongua akyina mo de mo abosonsom nsɛsode asisi.Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama,mokɔdaa so na motrɛw mu;mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu.

AKCB: 9AKCB

Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛnna momaa mo nnuhuam dɔɔso.Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri;mosian kɔɔ ɔda mu ankasa!

AKCB: 10AKCB

Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ,nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’Mopɛɛ ahoɔden foforoenti moantɔ piti.

AKCB: 11AKCB

“Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛa enti moanni me nokware,na moankae meanaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi?So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no ntina munsuro me no ana?

AKCB: 12AKCB

Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi,na so remma mo mfaso.

AKCB: 13AKCB

Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a,momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,home kɛkɛ bɛfa wɔn.Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea nobedi asase no sona wafa me bepɔw kronkron no.”

AKCB: 14AKCB

Na wɔbɛka se:“Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no!Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.”

AKCB: 15AKCB

Na oyi ne nea ɔkorɔn no,nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se:“Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom,na makanyan ne koma a abubu no.

AKCB: 16AKCB

Meremmɔ sobo afebɔɔ,na me bo remfuw daa,sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim,onipa ahome a me na mabɔ no.

AKCB: 17AKCB

Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii;metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani,nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ.

AKCB: 18AKCB

Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare.Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ,

AKCB: 19AKCB

na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano.Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.”

AKCB: 20AKCB

Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru,entumi nyɛ komm,nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi.

AKCB: 21AKCB

“Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se.