Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 54
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 54 Bible text
“To nnwom, obonin,wo a wonwoo da;pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi,wo a awo nkaa wo da;efisɛ ɔbea a wannya awo da no mmadɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,” Awurade na ose.
“Trɛw wo ntamadan no mu;twe wo ntamadan ntwamu no mu,nnyae yɛ;toa wo ntampehama no so,bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye.
Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum;wʼasefo begye aman afana wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so.
“Nsuro; wʼanim rengu ase.Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase.Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwuna wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.
Na wo Bɔfo yɛ wo kunuAsafo Awurade ne ne din,Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo.Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn.
Awurade bɛsan afrɛ wote sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu,ɔyere a ɔwaree mmabaabere muna wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.
Abufuw mmoroso mu,mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi,nanso mʼayamye a ɛnsa da nti,mehu wo mmɔbɔ,”nea Awurade, wo Gyefo se ni.
“Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam semeremma nsuyiri nkata asase ani bio.Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio,na merenka wʼanim bio.
Sɛ mmepɔw wosow,na nkoko tutu a,me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhimna mʼasomdwoe apam no rentwa mu,”sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.
“Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ,mede abo anintɔnka besiesie wo,na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.
Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu,na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon,na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa.
Wubetim wɔ trenee mu:Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛwareworensuro biribiara.Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,na ɛremmɛn wo.
“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoa ofita nnyansramma mu ma ɛdɛwna ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi.Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade;
akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyinana tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu.Eyi ne Awurade nkoa agyapade,ne wɔn bembu a efi me,” Awurade na ose.