Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 47

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 47 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Sian kɔ, tena mfutuma mu,Ɔbabea Babilonia;tena fam na mfa ahengua,Babiloniafo hemmea kuropɔn.Wɔremfrɛ wo bio se,nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.

AKCB: 2AKCB

Fa awiyammo na yam esiam;yi wo nkataanim no.Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,na fa nsuwansuwa no mu.

AKCB: 3AKCB

Wʼadagyaw bɛda adina wʼanimguase so renkata.Mɛtɔ were;meremfa obiara ho nkyɛ no.”

AKCB: 4AKCB

Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din,ɔno ne Israel Kronkronni.

AKCB: 5AKCB

“Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu,Babiloniafo hemmea kurow;wɔremfrɛ wo bio seahenni ahorow so hemmea.

AKCB: 6AKCB

Me bo fuw me nkurɔfo,na miguu mʼagyapade ho fi;mede wɔn hyɛɛ wo nsa,na woanhu wɔn mmɔbɔ.Nkwakoraa koraa mpo,wosoaa wɔn konnua duruduru.

AKCB: 7AKCB

Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa,ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’Nanso woannwen saa nneɛma yi hona woansusuw nea ebetumi asi ho.

AKCB: 8AKCB

“Afei tie, wo oguamanfo,woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ muna woka kyerɛ wo ho se,‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.Merenyɛ okunafo dana merenni awommawu.’

AKCB: 9AKCB

Saa nneɛma abien yi bɛto woprɛko pɛ, da koro pɛ:awommawu ne kunayɛ.Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,wʼabayisɛm bebrebe yine ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.

AKCB: 10AKCB

Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ sona waka se, ‘Obiara nhu me.’Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwanbere a woka kyerɛ wo ho se,‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

AKCB: 11AKCB

Amanehunu bɛto wo,na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ.Ɔhaw bi bɛba wo soa worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ;atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wobɛba wo so mpofirim.

AKCB: 12AKCB

“Kɔ so yɛ wo ntafowayine wʼabayisɛm bebrebea wode adi dwuma fi wo mmofraase no.Ebia wubedi nkonim,ebia wode ehu bɛba.

AKCB: 13AKCB

Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu!Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim,wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no,ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.

AKCB: 14AKCB

Nokwarem, wɔte sɛ gyentia;ogya bɛhyew wɔn.Na wontumi nnye wɔn ankasa homfi ogyaframa anoden no ho.Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew;ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.

AKCB: 15AKCB

Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no,eyinom na wo ne wɔn abrɛna wo ne wɔn anantew fi mmofraase.Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso;ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.