Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 48
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 48 Bible text
“Muntie eyi, Yakobfifomo a wɔde Israel din frɛ mo,na moyɛ Yuda asefo,mo a mobɔ Awurade din ka ntam,na mofrɛ Israel Nyankopɔn,nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,
mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mmana mode mo ho to Israel Nyankopɔn so,Asafo Awurade ne ne din.
Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada,mebɔɔ nkae, na medaa no adi;afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaadaansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkaesɛnea morentumi nka se,‘Mʼahoni na wɔyɛe:me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’
Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa.Morennye wɔn nto mu ana?“Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo,ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.
Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe;ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee.Enti morentumi nka se,‘Yiw na minim dedaw!’
Wontee, na wontee ase;efi tete nyinaa wʼaso asiw.Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo;wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.
Me nti, me nti, na meyɛ eyi.Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?Memma obi nnye mʼanuonyam.
Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem,na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu;sɛ mefrɛ wɔn a,wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie:ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? Awurade boafo a wapaw nobɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu;ne basa betia Babiloniafo.
“Montwiw mmɛn me na muntie eyi:“Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu;bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.”Na afei Asafo Awuradede ne Honhom asoma me.
Sɛɛ na Awurade se,mo gyefo, Israel Kronkronni no:“Mene Awurade mo Nyankopɔn,nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo,na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so.
Sɛ mudii mʼahyɛde so a,anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten,na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.
Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea,na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan;wɔn din rempepa dawɔrensɛe mfi mʼanim.”
Mumfi Babilonia,munguan mfi Babiloniafo nkyɛn!Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkaena mompae mu nka eyi.Momfa nkɔ nsase ano;monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.”
Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no,ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.