Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 46

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 46 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase;mfurum soa wɔn ahoni.Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru,ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.

AKCB: 2AKCB

Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase;wontumi nsiw amanehunu ano,wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

AKCB: 3AKCB

“Muntie me, Yakobfifo,mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa,mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu,na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.

AKCB: 4AKCB

Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu,Me ne no, Me ne nea obeso mo mu.Mabɔ mo na meturu mo;mɛwowaw mo na megye mo.

AKCB: 5AKCB

“Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso?Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?

AKCB: 6AKCB

Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku muna wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi,na wɔkotow sɔre no.

AKCB: 7AKCB

Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so,wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara.Ɛrentumi mfi faako a esi.Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua;ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.

AKCB: 8AKCB

“Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim,munnwen ho mo atuatewfo.

AKCB: 9AKCB

Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ;Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

AKCB: 10AKCB

Meda awiei adi fi mfiase,efi tete, meka nea ɛbɛba.Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina,na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

AKCB: 11AKCB

Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam;afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma.Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu;nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.

AKCB: 12AKCB

Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo,mo a mo ne trenee ntam kwan ware;

AKCB: 13AKCB

Mede me trenee rebɛn,enni akyirikyiri;na me nkwagye nso renkyɛ.Mɛma Sion nkwagye,na mede mʼanuonyam ama Israel.