Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 43
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 43 Bible text
Na afei, sɛɛ na Awurade se,nea ɔbɔɔ wo, Yakobnea ɔnwen wo, Israel;“Nsuro na magye wo;mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
Sɛ wofa nsu mu a,mɛka wo ho;na sɛ wutwa nsubɔnten no a,ɛremmu mfa wo so.Sɛ wonantew ogya no mu a,worenhyew;ogyaframa no renhye wo.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.Mede Misraim yɛ mpata ma wona mede Kus ne Seba si wʼanan mu.
Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanimna medɔ wo nti,mede nnipa bɛsesa wo,na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.
Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmrana me mmabea mfi asase ano mmra,
Aman no nyinaa boa wɔn ho ano,na nnipa no hyia mu.Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiasena ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem,sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”
“Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,”sɛɛ na Awurade se,“Sɛnea mubehu na moagye me adina moate ase sɛ me ne no.Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,na mʼakyi nso obiara remma.
Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se,Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.
Yiw, na efi teteete no me ne no.Obiara rentumi nnye mfi me nsamsɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?”
Sɛɛ na Awurade se,wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia,na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfowɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,asraafo ne ne nkekaho nyinaa,na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio,wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma:
Hwɛ, mereyɛ ade foforo!Mprempren, ɛrepue; na munhu ana?Merebɔ kwan afa nweatam sona mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.
Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam,adompo ne mpatu,efisɛ mema nsu wɔ nweatam sone nsuwansuwa wɔ asase wosee so,de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu,
Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde,na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso.Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoana memfaa nnuhuamgye nhaw mo.
Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me,na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so.Mmom, mode mo bɔne asoa mena mode mo mfomso ho haw abɛto me so.
Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me,momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye;ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no.
Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase,na mede Yakob ama ɔsɛena mede Israel ama ahohora.