Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 44

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 44 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Na afei tie, Yakob me somfo,Israel, nea mapaw no.

AKCB: 2AKCB

Sɛɛ na Awurade se,nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,ɔno na ɔbɛboa wo:Nsuro Yakob, me somfo,Yeshurun, a mapaw no.

AKCB: 3AKCB

Na mehwie nsu agu asase a awo no so,ne nsuten wɔ asase kesee so;mehwie me Honhom agu wo mma so,ne me nhyira agu wʼasefo so.

AKCB: 4AKCB

Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea,te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.

AKCB: 5AKCB

Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’;ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob;afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’na wɔafa din Israel.

AKCB: 6AKCB

“Sɛɛ na AwuradeIsraelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se:Mene odikanfo ne okyikafo;Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.

AKCB: 7AKCB

Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanimnea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ,ne nea ɛrebɛba.Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.

AKCB: 8AKCB

Mommma mo ho mpopo, munnsuro.Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana?Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana?Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”

AKCB: 9AKCB

Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso.Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura;wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.

AKCB: 10AKCB

Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni,a ne so mma no mfaso biara?

AKCB: 11AKCB

Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase;adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa.Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.

AKCB: 12AKCB

Ɔtomfo fa nʼatonnadeɔde hyehyɛ nnyansramma mu;ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni,ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ;ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw;ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.

AKCB: 13AKCB

Duadwumfo de hama susuwna ɔde kyerɛwdua sensan;na ɔde pɛe yiyi hoafei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae.Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu,sɛ wɔde besi abosonnan mu.

AKCB: 14AKCB

Otwitwaa sida,anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum.Ɔma enyinii wɔ kwae mu,anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.

AKCB: 15AKCB

Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya;ɔde bi ka ne ho hyew,ɔde bi sɔ ogya to brodo.Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no;ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.

AKCB: 16AKCB

Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;so na ɔnoa nʼaduan,ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se,Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.

AKCB: 17AKCB

Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni;ɔkotow no na ɔsɔre no.Ɔbɔ no mpae se,“Gye me; wo ne me nyame.”

AKCB: 18AKCB

Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade,wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.

AKCB: 19AKCB

Obiara nna nnwen ho,obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se,“Mede fa sɔɔ ogya;na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so;metotoo nam wɔ so wee.Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana?Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”

AKCB: 20AKCB

Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan;ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se,“Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”

AKCB: 21AKCB

“Kae saa nneɛma yi, Yakob,efisɛ, woyɛ me somfo, Israel.Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo;Ao Israel, me werɛ remfi wo.

AKCB: 22AKCB

Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkumne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu.San bra me nkyɛn,efisɛ magye wo.”

AKCB: 23AKCB

Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro,na Awurade na wayɛ eyi.Mommɔ ose, asase ase.Momma nnwonto so, mo mmepɔw,mo kwae ne emu nnua nyinaa,na Awurade agye Yakob,wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.

AKCB: 24AKCB

“Sɛɛ na Awurade se,wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no:“Mene Awurade,nea wayɛ nneɛma nyinaa,nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro munea ɔno nko ara twee asase mu,

AKCB: 25AKCB

nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnnena ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo,nea otutu anyansafo adenim guna ɔdan no nkwaseasɛm,

AKCB: 26AKCB

nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba munea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma,“nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’

AKCB: 27AKCB

nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow,na mɛma wo nsuwa ayoyow,’

AKCB: 28AKCB

nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfona obewie nea mepɛ nyinaa yɛ;ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,”na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”