Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 42
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 42 Bible text
“Me somfo a mahyɛ no den ni,nea mayi no na ɔsɔ mʼani;mede me Honhom begu no sona ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no.
Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu.Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum.Nokware mu na ɔbɛda trenee adi;
ɔrenhinhim na ɔrempa abawkosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so.Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.”
Sɛɛ na Onyankopɔn, Awurade no se,nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu,nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa,nea ɔma wɔn a wɔte so home,na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa:
“Me, Awurade, mafrɛ wo trenee mu;meso wo nsa.Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛapam ama nkurɔfo none kanea ama amanamanmufo,
na woabue ani a afura,na woayi nneduafo afi afiasena woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no.
Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi,na nneɛma foforo no mepae mu ka;ansa na ɛbɛba mu no,meka kyerɛ mo.”
Monto dwom foforo mma Awurade!Nʼayeyi mfi asase ano,mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa,mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so;ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho.Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani;ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi!
Awurade bepue aba sɛ ɔkatakyi,te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyanna obedi nʼatamfo so nkonim.
“Mayɛ komm akyɛ,mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no,meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so.
Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko nona mahyew so afifide nyinaa.Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw,na mama atare ayoyow.
Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so,akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom.Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ;merennyaw wɔn mu.
Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.”
Hena ne onifuraefo sɛ me somfo,na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no?Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu,nʼani afura sɛ Awurade somfo?
Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi,wɔn nyinaa aka amoa muanaa wɔde wɔn asie wɔ afiase.Wɔayɛ wɔn asadena wonni obi a obegye wɔn;wɔayɛ wɔn akorɔnnena wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.”
Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne,na ɔde Israel maa afowfo?Ɛnyɛ Awurade ayɛayɛ bɔne atia no no?Efisɛ wɔannantew nʼakwan so;na wɔanni ne mmara so.
Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,akodi mu basabasayɛ.Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase.Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.