Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 34

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 34 Bible text

AKCB: 1AKCB

Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie;monyɛ aso, mo ɔmanfo!Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie,wiase ne nea efi mu ba nyinaa!

AKCB: 2AKCB

Awurade bo afuw amanaman nyinaa;nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa.Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

AKCB: 3AKCB

Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu,wɔn afunu no beyi hua;wɔn mogya afɔw mmepɔw no.

AKCB: 4AKCB

Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyerana wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee;ɔsoro atumfo bɛhwe asesɛnea nhaban tew fi bobe so,sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.

AKCB: 5AKCB

Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro;hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so,wɔn a masɛe wɔn koraa no.

AKCB: 6AKCB

Mogya aguare Awurade afoa ho,wɔde srade asra ho,nguantenmma ne mmirekyi mogya,adwennini asaabo mu srade. Awurade wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosrane okum kɛse wɔ Edom.

AKCB: 7AKCB

Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ,anantwinini nketewa ne akɛse.Mogya afɔw wɔn asase no,na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.

AKCB: 8AKCB

Na Awurade wɔ aweretɔ daananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.

AKCB: 9AKCB

Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea,ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛwnʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!

AKCB: 10AKCB

Ɛrennum awia anaa anadwo;ne wusiw befi a ɛto rentwa da.Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso;obiara remfa ho bio koraa.

AKCB: 11AKCB

Nweatam so patu ne ɔbonsamnomabegye hɔ afa;patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom sobasabasayɛ susuhamane amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.

AKCB: 12AKCB

Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni,nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.

AKCB: 13AKCB

Nsɔe begye nʼabankɛse afa,nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ.Hɔ bɛyɛ adompo atu,ne mpatu tenabea.

AKCB: 14AKCB

Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra,mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho;hɔ na anadwommoa bɛdedana wɔde ayɛ wɔn homebea.

AKCB: 15AKCB

Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua.Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,obiara ne nea ɔka ne ho.

AKCB: 16AKCB

Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan:Eyinom mu biara renyera,obiara benya nea ɔka ne ho.Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi,na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.

AKCB: 17AKCB

Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn;ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔna wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ.