Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 35
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 35 Bible text
ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,wɔde Lebanon anuonyam bɛma noKarmel ne Saron ahoɔfɛ;wobehu Awurade anuonyam,yɛn Nyankopɔn tumi no.
Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,“Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;mo Nyankopɔn bɛba,ɔde aweretɔ bɛba;ananmuhyɛ a efi ɔsorobɛba abegye mo nkwa.”
Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote,na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.Nsu betue wɔ sare so,na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.
Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare,na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so.Atu a anka sakraman te mu no,ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.
Na ɔtempɔn bɛda hɔ;wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so;ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.
Gyata biara rentena hɔ,na akekaboa biara rensi so;wɔrenhu wɔn wɔ hɔ.Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.