Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 33
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 33 Bible text
Due, ɔdesɛefo,wo a wɔnsɛee wo!Due, ɔfatwafo,wo a wonnii wo huammɔ!sɛ wugyae adesɛe a,wɔbɛsɛe wo;sɛ wuwie huammɔdi a,wobedi wo huammɔ.
Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ;yɛn ani da wo so.Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.
Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so,nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae; Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.
Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so;asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.
Atempɔn no so da hɔ kwa,akwantufo biara nni akwan no so.Wɔabu apam no so,wobu nʼadansefo animtiaawommu obiara.
Asase no wo kesee na ɛsɛe,Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;Saron ayɛ sɛ Araba,Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.
Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa;ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame:“Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena?Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”
Nea ɔnantew trenee muna odi nokwarenea ɔpo mfaso a asisi de bana onnye adanmude,nea ontie awudi ho pɔwbɔnea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,
saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ,ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no.Wɔde nʼaduan bɛma nona ne nsu remmɔ no.
Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho:“Odwumayɛni panyin no wɔ he?Nea na ogyigye tow no wɔ he?Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;mo ani behu Yerusalem,asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu;wɔrentutu ne nnyinaso da,na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.
Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo.Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ.Akorow a wɔhare remfa soahyɛn akɛse rennantew so.
Na Awurade ne yɛn temmufo, Awurade ne yɛn mmarahyɛfo, Awurade ne yɛn hene;na ɔno na obegye yɛn nkwa.
Wo ntampehama mu agowenti hyɛn dua no nni nnyinaso,na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu.Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no muna mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.