Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 32
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 32 Bible text
Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabeane ahum mu guankɔbea,ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam sone ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.
Ɔkwasea ka nkwaseasɛmna osusuw bɔne ho:ɔyɛ anyame apɛdeɔka Awurade ho nsɛm a enye;ɔmma nea ɔkɔm de no no aduanɔde nsu kame nea osukɔm de no.
Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛede atoro sɛe ohiani,wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.
Mo mmea a mugye mo ho di,monsɔre na muntie me;mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔmonyɛ aso mma nea mewɔ ka!
Afe akyi nna kakra bi nomo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;bobe twabere no bedi mo huammɔ,nnuaba no twabere nso remma.
Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho dimommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!Mompa mo ho ntamana momfa atweaatam mmɔ mo asen.
ne me nkurɔfo asase,asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mune saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.
Wobegyaw aban no hɔ,na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,
kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,na nweatam bɛdan asaseberena asasebere ayɛ sɛ kwae.
Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.
wobehyira wo,wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.