Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 31

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 31 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodowne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.

AKCB: 2AKCB

Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;ɔnsesa nʼano.Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.

AKCB: 3AKCB

Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.Sɛ Awurade teɛ ne nsa a,ɔboafo bɛwatirina nea wɔboa no no bɛhwe ase;wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

AKCB: 4AKCB

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:“Sɛnea gyata woro so,sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so noa mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a,wɔn nteɛteɛmu mmɔ no huna wɔn huuyɛ nso nhaw no no,saa ara na Asafo Awurade besianabɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.

AKCB: 5AKCB

Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim nosaa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,obegyaa no na wagye no asi hɔ.”

AKCB: 6AKCB

Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo.

AKCB: 7AKCB

Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.

AKCB: 8AKCB

“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano;afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.Wobeguan afi afoa no anona wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.

AKCB: 9AKCB

Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,”sɛɛ na Awurade se,nea ne gya wɔ Sion,na ne fononoo si Yerusalem no.