Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 30

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 30 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Munnue mmofra asoɔdenfo,”sɛɛ na Awurade se,“Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma,na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu,na wɔboaboa bɔne ano;

AKCB: 2AKCB

wɔn a wɔkɔ Misraima wommisa me ansa;wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn,wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.

AKCB: 3AKCB

Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo,Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.

AKCB: 4AKCB

Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soanna wɔn ananmusifo adu Hanes de,

AKCB: 5AKCB

nanso wɔn nyinaa anim begu asennipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti,wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma,na mmom animguase ne ahohora.”

AKCB: 6AKCB

Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho:wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,nea gyata ne gyatabere,nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ,ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurumne wɔn ademude wɔ yoma afu so,de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,

AKCB: 7AKCB

de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso,enti mefrɛ noRahab nea Onsi Hwee.

AKCB: 8AKCB

Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn,kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee sosɛnea nna a ɛreba no mu noɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

AKCB: 9AKCB

Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo,mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.

AKCB: 10AKCB

Wɔka kyerɛ adehufo se,“Munhu mo ani so ade bio!”ne adiyifo no nso se,“Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio!Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn,monhyɛ nnaadaa nkɔm.

AKCB: 11AKCB

Mumfi saa ɔtempɔn yi so,momman mfi saa ɔkwan yi hona munnyae Israel Kronkronnia mode no haw yɛn yi!”

AKCB: 12AKCB

Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se:“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,na mode mo ho ato nhyɛsone nnaadaa so nti,

AKCB: 13AKCB

saa bɔne yi bɛyɛ sɛɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyeana ebu mpofirim, ama mo.

AKCB: 14AKCB

Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku.Ɛbɛyam pasaa a,sin koraa renka awobetumi de asɔ gya afi muka muanaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”

AKCB: 15AKCB

Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se:“Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔkommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ,nanso, morennya mu biara.

AKCB: 16AKCB

Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’Enti mubeguan!Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!

AKCB: 17AKCB

Apem beguanɔbaako ho hu nti;baanum ho hu ntimo nyinaa beguan akɔ,akosi sɛ wobegyaw mote sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi,te sɛ frankaa a esi koko so.”

AKCB: 18AKCB

Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn.Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

AKCB: 19AKCB

Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ.

AKCB: 20AKCB

Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.

AKCB: 21AKCB

Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.”

AKCB: 22AKCB

Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”

AKCB: 23AKCB

Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so.

AKCB: 24AKCB

Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu.

AKCB: 25AKCB

Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so.

AKCB: 26AKCB

Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.

AKCB: 27AKCB

Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba,ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn;abufuw ahyɛ nʼanom ma,na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.

AKCB: 28AKCB

Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm,na ɛforo kɔdeda kɔn mu.Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so;ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwanhyehyɛ nnipa no nnyepi.

AKCB: 29AKCB

Na mobɛto dwomte sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no;mo koma bedi ahurusite sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn forokɔ Awurade bepɔw no so,kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.

AKCB: 30AKCB

Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnnena ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresianna ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛmaosu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.

AKCB: 31AKCB

Awurade nne bɛhwe Asiria;ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.

AKCB: 32AKCB

Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn noɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.

AKCB: 33AKCB

Wɔasiesie Topet dedaada;wɔayɛ no krado ama ɔhene no.Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebreewɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu; Awurade homete sɛ sufre asuten nobɛsɔ mu gya.