Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 29

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 29 Bible text

AKCB: 1AKCB

Due wo Ariel,Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!Fa afe ka afe hona ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.

AKCB: 2AKCB

Nanso metua Ariel ano;obedi awerɛhow na wato kwadwom,ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.

AKCB: 3AKCB

Mede dɔm betwa wo ho ahyia;mesisi abantenten atwa wo ho ahyiana madi ntuano dwuma atia wo.

AKCB: 4AKCB

Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu;wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba.Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de;wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.

AKCB: 5AKCB

Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu,na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.

AKCB: 6AKCB

Asafo Awurade bɛba.Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse,mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.

AKCB: 7AKCB

Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa,wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no,ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso,anaa anadwo mu anisoadehu.

AKCB: 8AKCB

Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi,na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no;sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu,nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no.Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow awɔko tia Bepɔw Sion no.

AKCB: 9AKCB

Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa,mo ani mfura a munhu ade;mommobow a emfi nsa,montotɔ ntintan a emfi bobesa.

AKCB: 10AKCB

Awurade de nnahɔɔ ato mo so:Wakata mo ani (adiyifo no);wakata mo ti so (adehufo no).

AKCB: 11AKCB

Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.”

AKCB: 12AKCB

Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”

AKCB: 13AKCB

Awurade ka se,“Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn mena wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam,nanso wɔn koma mmɛn me.Som a wɔsom me noyɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.

AKCB: 14AKCB

Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn biomede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ;mɛsɛe anyansafo nyansa,na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”

AKCB: 15AKCB

Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛwɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade,wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ,“Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”

AKCB: 16AKCB

Musisi nneɛma ti ase,sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no!Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se,“Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”?Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se“Onnim hwee ana”?

AKCB: 17AKCB

Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asaseberena asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?

AKCB: 18AKCB

Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no muna kusuuyɛ ne esum mu mpoonifuraefo ani behu ade.

AKCB: 19AKCB

Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio;ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.

AKCB: 20AKCB

Atutuwpɛfo bɛyera,wɔrenhu fɛwdifo bio,na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,

AKCB: 21AKCB

wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ,wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asenniina wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.

AKCB: 22AKCB

Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa noka kyerɛ Yakob fifo:“Yakob anim rengu ase bio;wɔn anim rehoa bio.

AKCB: 23AKCB

Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu,wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no awɔbɛyɛ me din no kronkron;wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.

AKCB: 24AKCB

Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease;wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”