Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 28
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 28 Bible text
Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade nonhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,a ɛda asasebere bon so.Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe adeɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka maɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.
Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,a ɛda asasebere bon so no,bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu,sɛ obi hu na ɔte aodi no ntɛm so.
Saa da no Asafo Awuradebɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw,nhwiren abotiri fɛfɛama ne nkurɔfo nkae no.
Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhomama otemmufo a ɔte agua mu.Ɔbɛyɛ ahoɔden farebaeama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.
Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintanna bobesa ma wohinhim;bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintanna nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;na wohinhimwɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu,na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.
“Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no?Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no?Mmofra a wɔatwa wɔn nufu,wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?
Ɔka kyerɛɛ wɔn se,“Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome;ahodwobea nso ni,”nanso wɔantie no.
Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ:Yɛ eyi anaa eyi,mmara foforo akyi mmara;ha kakra, hɔ kakra,sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi;wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.
Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam,yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛesɛ asotwe a ano yɛ den ba a,ɛrentumi nka yɛn,efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbeane nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.”
Enti nea Otumfo Awurade se ni,“Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion,ɔbo a wɔasɔ ahwɛ,tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den;nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.
Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhamana treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhamamparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no,na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.
Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu;nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyinasɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,ebetwiw afa mo so.
Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ;anɔpa, awia ne anadwo biara,ɛbɛfa mu akɔ.”Saa nkra yi nteasede ehu bɛba.
Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no,ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu,yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso nodii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.
Afei gyae wo fɛwdi no,anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ meɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana?Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?
Sɛ osiesie asase no ani a,onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana?Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?
Wɔmfa asae mpo ɛme ho,wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so;wɔde pema na ɛboro ɛme,na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.
Wɔyam aburow de to brodonti obi nkɔ so nyam a onnwie da.Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de,nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.