Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa da no, Awurade de nʼafoa bɛtwe aso,ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no,ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo,ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho;obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no.

AKCB: 2AKCB

Saa da no,“To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se:

AKCB: 3AKCB

Me, Awurade, mehwɛ so;migugu so nsu bere biara.Mebɔ ho ban awia ne anadwosɛnea obiara rensɛe no.

AKCB: 4AKCB

Me bo mfuw ɛ.Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me aanka me ne wɔn de bɛbɔ ani;na mahyew wɔn nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw;ne me mmɛdwene asomdwoe hoYiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.”

AKCB: 6AKCB

Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim,Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛna ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.

AKCB: 7AKCB

Awurade abɔ Israelsɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana? Awurade akum Israelsɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana?

AKCB: 8AKCB

Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso,wode mframa a ano yɛ den pam note sɛ da a apuei mframa bɔ no.

AKCB: 9AKCB

Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi,eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu:bere a ɔyɛ afɔremuka so abosɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete,na Asera nnuane nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no.

AKCB: 10AKCB

Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpanwɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatamhɔ na nantwimma didi,hɔ na wɔdeda;wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.

AKCB: 11AKCB

Sɛ nnubaa no wo a, wobubuna mmea bɛfa de kɔsɔ ogya.Na saa nnipa yi nni nteaseenti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ,na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

AKCB: 12AKCB

Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

AKCB: 13AKCB

Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so.