Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:Yɛwɔ kuropɔn dennen;Onyankopɔn de nkwagyeayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.

AKCB: 2AKCB

Mummuebue apon nona atreneefo man no nhyɛn mu,ɔman nokwafo no.

AKCB: 3AKCB

Wobɛkora no so asomdwoe munea wasi nʼadwene pi,efisɛ ɔde ne ho to wo so.

AKCB: 4AKCB

Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.

AKCB: 5AKCB

Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;obubu gu fam pasaama ɛda mfutuma mu.

AKCB: 6AKCB

Anammɔn tiatia so,wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔnahiafo anammɔntu.

AKCB: 7AKCB

Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa;wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.

AKCB: 8AKCB

Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi,yɛretwɛn wo;na wo din ne ne kɛseyɛyɛ nea yɛn koma pɛ.

AKCB: 9AKCB

Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;anɔpa nso me honhom ani gyina wo.Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a,nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.

AKCB: 10AKCB

Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de,nanso wonsua treneeyɛ;na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔnena wommu Awurade kɛseyɛ.

AKCB: 11AKCB

Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro,nanso wonhu.Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu;ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.

AKCB: 12AKCB

Awurade, woama yɛn asomdwoe;nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

AKCB: 13AKCB

Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so,nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.

AKCB: 14AKCB

Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre.Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔnwɔama yɛn werɛ afi wɔn.

AKCB: 15AKCB

Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade;woama ɔman no ayɛ kɛse;woahyɛ wo ho anuonyam;woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.

AKCB: 16AKCB

Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn;bere a wotwee wɔn aso no,na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.

AKCB: 17AKCB

Sɛnea ɔpemfo a awo aka nofi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no,saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.

AKCB: 18AKCB

Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw munanso yɛwoo mframa.Yɛamfa nkwagye amma asase so;wɔanwo nnipa amma asase so.

AKCB: 19AKCB

Nanso wʼawufo benya nkwa;wɔn nipadua bɛsɔre.Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no,nsɔre mfa anigye nteɛ mu.Mo bosu te sɛ anɔpa bosu;asase beyi nʼafunu apue.

AKCB: 20AKCB

Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan muna montoto apon no mu;momfa mo ho nsie bere tiaa bikosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.

AKCB: 21AKCB

Hwɛ, Awurade refi nʼatenaeabɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi;ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.