Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 25

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 25 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, wo ne me Nyankopɔn;mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,efisɛ wufi nokwaredi mu,ayɛ anwonwade bebree,nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.

AKCB: 2AKCB

Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw,kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe;ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio;na wɔrensi bio.

AKCB: 3AKCB

Enti aman a wɔyɛ den bedi wo niatutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.

AKCB: 4AKCB

Woayɛ ahiafo guankɔbea,ohiani mmɔborɔni guankɔbea,ahum ano ahintaweeɔhyew mu nwinina atirimɔdenfo homete sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu

AKCB: 5AKCB

ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so.Wobrɛ ananafo huuyɛ ase;sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no,saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.

AKCB: 6AKCB

Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi soobesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna;nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.

AKCB: 7AKCB

Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛentama a ɛkata nnipa nyinaa hone nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;

AKCB: 8AKCB

Ɔbɛmene owu afebɔɔ.Asafo Awurade bɛpepaani so nusu nyinaa.Obeyi ne nkurɔfo ahohora,afi nsase nyinaa so. Awurade, na waka.

AKCB: 9AKCB

Saa da no, wɔbɛka se,“Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni;yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; Awurade no ni, yegyee no dii;momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”

AKCB: 10AKCB

Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so;nanso obetiatia Moab sote sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.

AKCB: 11AKCB

Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so,sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare.Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso asea ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.

AKCB: 12AKCB

Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu,obebubu agu famama ayɛ mfutuma.