Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 22
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 22 Bible text
Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no:Dɛn na ɛhaw mo mprempren,a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma,huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn?Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa,na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.
Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan;wɔamfa tadua ankyekye wɔn.Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafomo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.
Awurade, Asafo Awurade wɔ da bima huuyɛ, ntiatiaso ne ehuwɔ Anisoadehu Bon no mu,da a wɔde bubu afasuna wɔde su kyerɛ mmepɔw.
Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntammaa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no,nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe,na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.
Awurade, Asafo Awurade,frɛɛ wo saa da nosɛ su na twa adwo,sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.
Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ;wokunkum anantwi ne nguan;wɔwe nam na wɔbow nsa!Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom,efisɛ, ɔkyena yebewu!”
Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi,Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,
Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwansɛ bɔ wo da wɔ ha,worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔnna woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa,na watow wo akyene ɔman kɛse bi sohɔ na wubewuna wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!
Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi.
Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue.
Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.
“Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”