Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 21
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 21 Bible text
Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,ɔtamfo bi fi nweatam so reba,ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,nea mihu no ama me ho adwiriw me.
Me koma bɔ kitirikitiri,ehu ma me ho popo;na hann a mepɛɛ sɛ mihu noabɛyɛ aninyanne ama me.
Wɔto pon,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,wodidi, na wɔnom!Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!
Sɛ ohu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuwakuw,wɔn a wɔtete mfurum sone wɔn a wɔtete yoma so a,ɔnwɛn nʼaso,nwɛn no pa ara.”
Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no soAnadwo biara, migyina hɔ.
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfo no kae se,‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”
Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea asemeka nea mate kyerɛ monea efi Asafo Awurade,nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.
Adehu a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me fi Seir,“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.
Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.