Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 23
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 23 Bible text
Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:Tarsis ahyɛn, muntwa adwo!Efisɛ wɔasɛe Tirona wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea.Wufi Kipro asase soabɛka asɛm akyerɛ wɔn.
Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no sone mo Sidon aguadifo apo so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.
Nsu akɛse no sona aduan fi Sihor nam bae;Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto,na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.
Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen,efisɛ po akasa se,“Menkyemee da, na menwoo da;mentetew mmabarima anaa mmabea da.”
Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no,teteete kuropɔn no,nea wɔatu akɔtenaakyirikyiri nsase so no ana?
Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro,nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw,nea nʼaguadifo yɛ ahenemma,na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?
Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se,ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso asena wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho noTarsis Babea,efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.
Awurade ama ne nsa so wɔ po no soama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo.Wahyɛ Kanaan ho mmara se,wɔnsɛe nʼaban.
Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara,Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo!“Sɔre, twa kɔ Kipro;hɔ mpo worennya ahotɔ.”
Monhwɛ Babiloniafo asase nosaa nnipa a mprempren wɔnka hwee no!Asiriafo ayɛ nobaabi a nweatam so mmoa te;wosisii wɔn anotua aban bebree,wodwiriw nʼaban guima ɛdan nnwiriwii.
Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:
“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,oguamanfo a wɔnnkae wo;bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree,sɛnea wɔbɛkae wo.”
Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua.
Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.