Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 2 Bible text
Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betimsɛ mmepɔw no nyinaa ti;ebegye din aboro nkoko nyinaa sona aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Aman bebree bɛba abɛka se,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwansɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”Mmara no befi Sion aba,na Awurade asɛm afi Yerusalem.
Obebu amanaman ntam atɛnna obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔwna wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Awurade, woagyaw wo nkurɔfo,Yakob fifo.Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma;wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifona wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔn ademude dɔɔso bebree.Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,nea wɔn nsateaa ayɛ.
Kɔhyɛn abotan no mu,fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
Asafo Awurade ahyɛ da biama ahomasofo nyinaane nea ɛma ne ho so nyinaa(wɔbɛbrɛ wɔn ase),
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mune ntokuru a ɛdeda asase muesiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti,bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
Saa da no, nnipa bɛtowwɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahonia wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom noagu ama akisi ne mpan.
Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mune abotan mpaapae muesiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti,bere a ɔbɛsɔre awosow asase.