Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 3
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 3 Bible text
Afei hwɛ, Awurade,Asafo Awurade,rebegyae nea ɔde mawɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.
aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea,ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.
Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko.Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo,apapahwekwa betia onuonyamfo.
Ɔbarima beso ne nuanom mu baako muwɔ nʼagya fi aka se,“Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo;wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”
Nanso da no ɔbɛteɛ mu se,“Minni nea mede bɛyɛ.Minni aduan anaa ntama wɔ me fi;mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”
Yerusalem retɔ ntintan,Yuda rehwe ase;wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade.Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.
Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn;wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;wɔmmfa nsie.Nnome nka wɔn!Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
Mmabun hyɛ me nkurɔfo so,mmea di wɔn so.Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera;wɔma moman fi ɔtempɔn no so.
Awurade bu atɛnde tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se,“Mo na moasɛe me bobeturo;apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.
Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfona mode ahiafo anim twitwiw fam?”Sɛnea Asafo Awurade se ni.
Awurade kasa se,“Sion mmabea yɛ ahantan;wɔnantew toto wɔn kɔn,wɔdeda wɔn ani akyi,wotutu wɔn anammɔn ntiantia,na wɔn anan ase nkaa gyigye.
Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu;ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu;ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu;atweaatam besi ntama pa anan mu;honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.