Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Due asase a ntaban nnyigyei wɔ sowɔ Kus nsubɔnten ho,

AKCB: 2AKCB

ɔsoma ananmusifo a wɔnam po sowɔde paparɔso akorow fa nsu ani.Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.

AKCB: 3AKCB

Mo wiasefo nyinaa,mo a motete asase so,sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,mubehusɛ wɔhyɛn torobɛnto a,mobɛte.

AKCB: 4AKCB

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”

AKCB: 5AKCB

Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam nona nhwiren no anyin adan bobe no,wɔde asosɔw betwitwa mman no,wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.

AKCB: 6AKCB

Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaaa wokum mmoa we ne wuram mmoa;nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.

AKCB: 7AKCB

Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awuradeebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.