Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 19
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 19 Bible text
Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho:Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum muna ɔreba Misraim.Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.
“Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako,onua bɛko atia onua,ɔyɔnko atia ɔyɔnko,kuropɔn atia kuropɔn,ahenni atia ahenni.
Misraimfo no rennya abodwo,na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa.Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom,samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.
Mede Misraim bɛhyɛowura tirimuɔdenfo tumi ase,na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,”sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nil nsunoa nnua nso,nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no.Nil nsunoa so mfuw nyinaabɛwo wosee na awu koraa.
Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo,wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;wɔn a wogu asau wɔ nsu no sobedi awerɛhow.
Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo;Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne.Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se,“Meyɛ anyansafo no mu baako,tete ahemfo no kyidifo?”
Wʼanyansafo no wɔ he afei?Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhunea Asafo Awuradeahyehyɛ atia Misraim.
Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo,wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfone nnipa no ntuanoama Misraim afom kwan.
Awurade ahwieanisobiri honhom agu wɔn mu;wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.
Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.
Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.
Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade.
Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn.
Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.
Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom.
Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”