Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 17
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 17 Bible text
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,adehyetumi nso befi Damasko;Aram nkae bɛyɛIsraelfo anuonyam,”Sɛnea Asafo Awurade se ni.
Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw sona ɔde ne nsa penpan,sɛ bere a obi redi mpɛpɛwawɔ Refaim Bon mu.
Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no,ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so,ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,”sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo sona wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka aɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremukaa wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.
Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.
Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa,na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no.Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papana mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,
ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyiniianɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren,nanso otwa no renyɛ hwee sɛɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.
Nnome nka aman dodow a wohuru so no,wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye!Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so,wɔworo so sɛ asu akɛse!
Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so,sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri,te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw sote sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.
Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri muansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw!wɔn a wɔfow yɛn nneɛma,ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.