Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Momfa nguantenmma sɛ sonkahirinkɔma asase no sodifo,efi Sela fa nweatam no so,kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.

AKCB: 2AKCB

Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw muna wotu nenam wim nosaa na Moabfo mmea tewɔ Arnon asutwabea.

AKCB: 3AKCB

Moab ka se, “Munsi mo adwene pi,monna mo gyinaesi adi.Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo,awia ketee.Momfa aguanfo no nhintawmunnyi atubrafo no mma.

AKCB: 4AKCB

Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena;monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.”Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawiena adesɛe to betwa;opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.

AKCB: 5AKCB

Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi;ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so,obi a ofi Dawid fi,nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntreneena ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.

AKCB: 6AKCB

Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,nʼani a atra ne ntɔn mmoroso,nʼahomaso ne nʼasoɔdennanso hwee nni nʼahomaso no mu.

AKCB: 7AKCB

Enti Moabfo twa adwo,wɔbɔ mu su ma Moab.Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw,ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.

AKCB: 8AKCB

Hesbon mfuw no hyew,Sibma bobe mfuw nso saa ara.Aman sodifo no atiatia bobe papa no so,nea kan na wɔde kɔ Yaserna ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no.Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.

AKCB: 9AKCB

Enti misu sɛnea Yaser su,de ma Sibma bobe mfuw.Hesbon ne Eleale,mede misu fɔw mo!Mo aduaba a abere ho ahurusine otwabere de no aka.

AKCB: 10AKCB

Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu;obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu;obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so,efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.

AKCB: 11AKCB

Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab hote sɛ sankuten so kwadwom;na me yam hyehye me ma Kir Hereset.

AKCB: 12AKCB

Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea aɔhaw ne ho kwa;sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a,ɛrenkosi hwee.

AKCB: 13AKCB

Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho.

AKCB: 14AKCB

Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”