Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 15
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 15 Bible text
Adehu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ MoabDa koro anadwo bi,wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabda koro anadwo bi!
Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.
Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaewɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wosu.
Hesbon ne Eleale teɛ mu su,wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,na wɔbotobotow.
Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;nʼaguanfo guan kodu Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim kwan so nsowodi wɔn sɛe ho awerɛhow.
Nimrim nsuwansuwa ayoyowna sare no ahyewafifide nyinaa ayerana ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.
Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;wɔn agyaadwotwa kodu Eglaimna wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.
Dimon nsu ayɛ mogya nko arananso mɛkɔ so ne no adigyata bɛba Moab aguanfo sone wɔn a wɔbɛka asase no so no so.