Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 14
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 14 Bible text
Awurade behu Yakob mmɔbɔ;ɔbɛsan afa Israelna ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so.Ananafo bɛba abɛka wɔn hona wɔne Yakobfi aka abɔ mu.
Amanaman bɛfa wɔnde wɔn aba wɔn ankasa atenae.Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn desɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommumna wobedi wɔn sohwɛfo so.
mubedi Babiloniahene ho fɛw se:hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie!ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!
nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔntoatoaa so hwehwee fam,na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mude brɛɛ amanaman no ase no.
Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sidanya ho anigye na wɔka se,“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,duatwafo biara remmetwa yɛn.”
Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne hoabehyia wo kwan;ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhomsɛ wɔmmɛma wo akwaaba,wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiaseɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so,wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu,ne huuyɛ a efi wo asanku no;wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wona asunson akata wo so.
Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam,anɔpa nsoromma, adekyee babarima!Wɔato wo abɛhwe asase so,wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!
Wokaa no wo koma mu se,“Mɛforo akɔ ɔsoro;mɛma mʼahengua soasi Onyankopɔn nsoromma atifi;mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so,nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so.
Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw,wodwen nea ato wo no ho bisa se,“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asasena ɔmaa ahenni ho popoe,
ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam,nea ɔdan ne nkuropɔn butuwiina wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”
Nanso wɔapam wo afi wo da mute sɛ dubaa a wɔapo;wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so,wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano,wɔn a wosian kɔ abo amoa mu,te sɛ funu a wɔatiatia so,
Wɔrensie wo nka wɔn ho,efisɛ woasɛe wʼasasena wakunkum wo nkurɔfo.Otirimɔdenfo asefo nowɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.
Siesie faako a wobekunkum ne mmabarimawɔ wɔn agyanom bɔne nti;ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no sona wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
“Mɛsɔre atia wɔn,”Sɛnea Asafo Awurade se ni.“Metwa ne din ne ne nkae,ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,”sɛnea Asafo Awurade se ni.
“Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔne ɔwora;mede ɔsɛeprae bɛpra no,”sɛnea Asafo Awurade se ni.
Asafo Awurade aka ntam se,“Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.
Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;metiatia no so me mmepɔw so.Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so,na nʼadesoa nso afi wɔn so.”
Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan?Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?
Munnni ahurusi, mo Filistifo,sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba,na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.
Ahiafo mu hiani benya didibea,na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu.Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase;ebekunkum wo nkae no.
Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn!munguan, mo Filistifo!Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba,na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
Mmuae bɛn na wɔde bɛmasaa ɔman no ananmusifo?“Awurade de Sion atim hɔ,ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”