Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:

AKCB: 2AKCB

Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi,teɛ mu frɛ wɔn:nyama wɔnma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.

AKCB: 3AKCB

Mahyɛ mʼahotewfo;mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi,wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.

AKCB: 4AKCB

Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no sote sɛ dɔm kɛse bi de!Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu,te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.

AKCB: 5AKCB

Wofifi akyirikyiri aman so,wofifi ɔsoro ahye so, Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew;bɛsɛe ɔman no nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Twa adwo, na Awurade da no abɛn;ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.

AKCB: 7AKCB

Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo,obiara koma bɛbotow.

AKCB: 8AKCB

Wɔbɛbɔ hu,ɔyaw ne apinisi bekita wɔn;wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no.Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,a wɔn ani asosɔ gya.

AKCB: 9AKCB

Hwɛ, Awurade da no rebada bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu,ɛrebɛsɛe asase nona asɛe abɔnefo a wɔte so no.

AKCB: 10AKCB

Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn.Sum beduru owia a ɛrepuena ɔsram nso renhyerɛn.

AKCB: 11AKCB

Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti,ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho.Metwa ahantanfo ahomaso somɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase.

AKCB: 12AKCB

Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasaɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ.

AKCB: 13AKCB

Enti mɛma ɔsoro awosow;na asase ahinhim wɔ ne sibeawɔ Asafo Awurade abufuwhyew anonʼabufuwhyewda no.

AKCB: 14AKCB

Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no,te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo,obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu,obiara beguan akɔ nʼasase so.

AKCB: 15AKCB

Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no;wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano.

AKCB: 16AKCB

Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.

AKCB: 17AKCB

Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn,wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hweena wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.

AKCB: 18AKCB

Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam;wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔna wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.

AKCB: 19AKCB

Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa,anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho noOnyankopɔn bɛdan abutuwte sɛ Sodom ne Gomora.

AKCB: 20AKCB

Nnipa rentena hɔ bioawo ntoatoaso nyinaa mu;Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔoguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ.

AKCB: 21AKCB

Nanso sare so mmoa bɛda hɔ.Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma;hɔ na mpatu bɛtena,hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.

AKCB: 22AKCB

Mpataku bɛtena nʼabandennen mu,adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma.Ne bere aso,na wɔrentwe ne nna mu.