Scripture
Odiyifo Yesaia Nhoma 12
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yesaia Nhoma 12 Bible text
Saa da no, wobɛka se:“Mɛkamfo wo, Awurade!Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,nanso afei wʼabufuw ano adwo.Na woakyekye me werɛ.
Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;mede me ho bɛto no so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;na wabɛyɛ me nkwagye.”
Saa da no wobɛka se,“Da Awurade ase, bɔ ne dinma amanaman nhu nea wayɛ,na pae mu ka se wɔama ne din so.
Momma mo nne so nto dwom anigye somo a mowɔ Sion,efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”