Scripture
Odiyifo Hosea Nhoma 9
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Hosea Nhoma 9 Bible text
Nni ahurusi, Israel;nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no.Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,wʼani gye aguamammɔ howɔ awiporowbea nyinaa so.
Wɔrentena Awurade asase no so bio;Efraim bɛsan akɔ Misraimna wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.
Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade,na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn;wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa deana wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu aMisraim bɛboaboa wɔn ano,na Memfis besie wɔn.Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,na wɔn ntamadan adan nsɔe.
Asotwe nna no reba,akontaabu nna no adu;ma Israel nhu eyi.Esiane mo bɔne bebrebene mo akokoakoko a adɔɔso ntimofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea,na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.
Odiyifo no ne me Nyankopɔnyɛ Efraim so wɛmfo,nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so,na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.
Wɔadu porɔwee bun mu,sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu.Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔdenna watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
“Bere a mihuu Israel no,na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so;bere a mihuu mo agyanom no,na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so.Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn nowodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.
Mpo sɛ wɔtetew mmofra a,mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.Wonnue,sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!
“Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti,mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.Wɔn nnebɔne ntimɛpam wɔn afi me fi.Merennɔ wɔn bio;efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.
Efraim agyigya,wɔn ntin akisa,nti wɔnsow aba.Sɛ wɔwo mma mpo a,mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”