Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw;ɔsow aba maa ne ho.Bere a nʼaba redɔɔso no,osisii afɔremuka bebree;nʼasase rekɔ so yɛ yiye noosiesie nʼabosom dum kronkron no.

AKCB: 2AKCB

Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu,nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. Awurade bebubu wɔn afɔremuka,na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

AKCB: 3AKCB

Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene,efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade.Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a,dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”

AKCB: 4AKCB

Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree,wɔka ntamhununa wɔyɛ apam ahorow;ɛno nti mansotwe sɔresɔrete sɛ wura a bɔre wɔ mua afifi asase a wɔafuntum so so.

AKCB: 5AKCB

Nnipa a wɔte Samaria no suro maBet-Awen nantwi ba ohoni no.Ne nkurɔfo besu.Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ,wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no.Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.

AKCB: 6AKCB

Wɔde no bɛkɔ Asiria,de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam.Ebegu Efraim anim ase;na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.

AKCB: 7AKCB

Samaria na ne hene bɛsen akɔte sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.

AKCB: 8AKCB

Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ,na akata wɔn afɔremuka so.Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!”na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”

AKCB: 9AKCB

“Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel,na hɔ na woaka.Na ɔko rentwiw amfaamumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?

AKCB: 10AKCB

Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.

AKCB: 11AKCB

Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no,a ɔpɛ awiporowbea adwuma,enti mede konnuabɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu.Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan,ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,na Yakob nso siesie so.

AKCB: 12AKCB

Dua trenee aba ma wo ho,twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,siesie wʼasase a womfuntumii so no;na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade,kosi sɛ ɔbɛbaabɛpete trenee agu wo so.

AKCB: 13AKCB

Nanso woadua atirimɔden aba,na woatwa aba bɔne.Woadi nnaadaa aba.Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔdenne wʼakofo bebrebe no so,

AKCB: 14AKCB

ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo,na wʼaban nyinaa bɛsɛe,sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.

AKCB: 15AKCB

Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El,efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso.Sɛ da no du a,Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.