Scripture
Odiyifo Hosea Nhoma 8
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Hosea Nhoma 8 Bible text
“Monhyɛn torobɛnto!Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo soefisɛ nnipa no abu mʼapam sona wɔasɔre atia me mmara.
Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn hode sɛe wɔn ankasa ho.
Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!Mʼabufuwhyew reba wɔn so.Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
Wofi Israel!Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;ɛnyɛ Onyankopɔn!Wobebubu mu asinasin,saa Samaria nantwi ba no.
“Wodua mframana wotwa mfɛtɛ.Awi a egyina hɔ no nni ti;nti wɔrennya siam mfi mu.Sɛ ɛsow aduan mpo a,ahɔho na wobedi.
Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,nanso mɛboaboa wɔn ano.Wɔn so befi ase atewwɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
“Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔrena wɔwe nam no,nanso wɔnsɔ Awurade ani.Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛmna wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:Wɔbɛsan akɔ Misraim.
Israel werɛ afi ne yɛfona wasisi ahemfi akɛseakɛse;Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gyaa ɛbɛhyew wɔn aban.”