Scripture
Odiyifo Hosea Nhoma 7
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Hosea Nhoma 7 Bible text
bere biara a mɛsa Israel yare no,Efraim nnebɔne da adi.Samaria awurukasɛm nso da adi.Wɔyɛ nnaadaafoakorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu,ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfoa akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu.Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gyabere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
Wɔn koma te sɛ fononoo;wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim.Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo.Wokunkum wɔn sodifo.Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe asena wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
Israel ahantan di adanse tia no,nanso eyi nyinaa akyi noɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,na ɔnhwehwɛ no nso.
“Efraim te sɛ aborɔnoma,wotumi daadaa no na onni adwene.Ɔfrɛ Misraim,na wadan akɔ Asiria.
Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a,mɛkyere wɔn.
Nnome nka wɔn,efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!Ɔsɛe mmra wɔn soefisɛ wɔatew me so atua!anka mepɛ sɛ migye wɔnnanso wutwa atoro fa me ho.
Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so.Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;wɔte sɛ tadua a asɛe,wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa anoefisɛ, wɔnkasa obu so.Eyi nti wobedi wɔn ho fɛwwɔ Misraim asase so.