Scripture
Odiyifo Hosea Nhoma 6
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Hosea Nhoma 6 Bible text
“Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.Watetew yɛn mu asinasinnanso ɔbɛsa yɛn yare.Wapirapira yɛnnanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.
Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibeana yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
Momma yennye Awurade nto mu;momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.Sɛnea owia pue da biara no, obepue;ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere muanaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”
“Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.
Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,mede mʼanom nsɛm kunkum mo;mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.
Sɛnea akwamukafo ka kwan mu nosaa ara na asɔfokuw no nso yɛ;wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.
“Na wo Yuda nso,wɔahyɛ otwa bere ama wo.“Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,