Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Muntie, mo asɔfo!Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!Monyɛ asow, adehyefi!Saa atemmu yi tia mo:Moayɛ afiri wɔ Mispa,ne asau a wɔagu no Tabor so.

AKCB: 2AKCB

Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

AKCB: 3AKCB

Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;na Israel aporɔw.

AKCB: 4AKCB

“Wɔn nneyɛe mma wɔ kwanmma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu;wonnye Awurade nto mu.

AKCB: 5AKCB

Israel ahantan di tia no.Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu;Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.

AKCB: 6AKCB

Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwikɔhwehwɛ Awurade aWɔrenhu no,efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

AKCB: 7AKCB

Wɔanni Awurade nokware.Wɔwowoo aguaman mma.Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,ɔbɛsɛe wɔn nsase.

AKCB: 8AKCB

“Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea.Hyɛn mmɛn no wɔ Rama.Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen;Benyamin, monsɔre nni anim.

AKCB: 9AKCB

Efraim bɛda mpanwɔ akontaabu da.Israel mmusuakuw no mu nomepae mu ka nea ɛwɔ mu.

AKCB: 10AKCB

Yuda sodifo no te sɛwɔn a woyiyi ahye so abo.Mehwie mʼabufuw agu wɔn sote sɛ nsuyiri.

AKCB: 11AKCB

Wɔhyɛ Efraim so,wotiatia ne so wɔ atemmu mu,wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.

AKCB: 12AKCB

Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraimna mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.

AKCB: 13AKCB

“Bere a Efraim huu ne yare,na Yuda nso huu nʼakuru no,Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa.Nanso wantumi ansa no yare,na akuru no nso anwuwu.

AKCB: 14AKCB

Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraimna mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

AKCB: 15AKCB

Afei mɛsan akɔ me nkyikosi sɛ wobenya ahonu.Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”