Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;wɔma no so wɔ Israelman mu.Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

AKCB: 2AKCB

Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara;wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,nsɛsode no nyinaa no.Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.Wɔka nnipa yi ho asɛm se,“Wɔde nnipa bɔ afɔrena wofew nantwimma ahoni ano.”

AKCB: 3AKCB

Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkumsɛ anɔpa bosu a etu yera,sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbeasɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.

AKCB: 4AKCB

“Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,a miyii wo fii Misraim.Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,anaa Ogyefo biara sɛ me.

AKCB: 5AKCB

Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so,asase a so yɛ hyew yiye no so.

AKCB: 6AKCB

Memaa wɔn aduan no, wodi mee;wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;na wɔn werɛ fii me.

AKCB: 7AKCB

Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata,mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

AKCB: 8AKCB

Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mute sɛ sisi bi a wɔawia ne mma.Mɛwe wɔn te sɛ gyata;wuram aboa besunsuan wɔn mu.

AKCB: 9AKCB

“Wɔasɛe wo, Israel,efisɛ woasɔre atia me,me a meyɛ wo boafo.

AKCB: 10AKCB

Wo hene wɔ he na wabegye wo?Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he,wɔn a wokaa faa wɔn ho se,‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

AKCB: 11AKCB

Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.

AKCB: 12AKCB

Efraim afɔdi no wɔaboaboa anowɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.

AKCB: 13AKCB

Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo,na abofra no nnim nyansa nti;sɛ bere no du a,ɔmma awotwaa no ano.

AKCB: 14AKCB

“Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.Megye wɔn afi owu nsam.Owu, wo nwowɔe wɔ he?Asaman, wo sɛe wɔ he?“Merennya ayamhyehye biara,

AKCB: 15AKCB

mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a.Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba,ɛbɛbɔ afi nweatam so;osu rentɔ asusowberena nʼabura bɛyow.Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛmanea ɛsom bo no nyinaa.

AKCB: 16AKCB

Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano;wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”